Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 13:57 - New Revised Asante Twi Bible

57 Na sɛ wɔhunu bio wɔ ntoma no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhye deɛ ntotɔeɛ no wɔ mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

57 Na sɛ wɔhunu bio wɔ ntoma no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhye deɛ ntotɔeɛ no wɔ mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

57 Na sɛ ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

57 Na sɛ ɛsane ba bio deɛ a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

57 Na sɛ wohu bio, ntama no mu, wɔ nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhyew nea ntotowee no wɔ mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 13:57
10 Iomraidhean Croise  

Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


anaa nsa anaa mfa a wɔde nwono asaawatam anaa kuntutam anaa nwoma anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu,


Na sɛ ne sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani dum a, ɔnte mfiri ntoma no anaa nsa anaa mfa no mu.


Na ntoma no, mfa anaa nsa anaa nwoma adeɛ biara a wɔbɛsie na ntotɔeɛ no bɛfiri mu no, wɔnsi bio na ɛho ate.


Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan