Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ biribi ba onipa honam wedeɛ mu, sɛ nsoa oo, ntwintwameeɛ oo, ntampeɛ oo, na ɛdidi ne honam wedeɛ mu yɛ kwata ntotɔeɛ a, wɔmfa no mmrɛ Ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma, asɔfoɔ no mu baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ biribi ba onipa honam wedeɛ mu, sɛ nsoa oo, ntwintwameeɛ oo, ntampeɛ oo, na ɛdidi ne honam wedeɛ mu yɛ kwata ntotɔeɛ a, wɔmfa no mmrɛ Ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma, asɔfoɔ no mu baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ obi hu sɛ biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ obi hunu sɛ biribi ahono ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa sowanini asi no na adidi kɔ ne honam mu a, ɔnhunu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mmammarima no mu baako

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ biribi ba onipa honam were mu, sɛ ɔsoa oo, ntwintwamee oo, atape oo, na edidi ne honam were mu yɛ kwata ntotowee a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo Aaron anaa ne mma, asɔfo no mu biako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 13:2
23 Iomraidhean Croise  

Wɔmma no mmua Yoab atifi ne n’agya fie nyinaa so, nanso wɔmmma onipa a ɔwɔ babaso anaa ɔkwatani anaa deɛ ɔtwere poma so anaa deɛ ɔtɔ nkrantɛ ano anaa deɛ aduane bɔ no mmpa Yoab fie da.


Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.


Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.


Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.


AWURADE bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa mpampam, na AWURADE bɛyi wɔn adagya so.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:


Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ.


na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata.


na ɔsɔfoɔ no mfiri adi nkɔ nsraban no akyi; na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ kwata ntotɔeɛ no asa ɔkwatani no ho a,


ɛnneɛ efie no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotɔeɛ wɔ me fie hɔ.


nsoa ne ntwintwameeɛ ne ntampeɛ,


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.


Mma no nnyɛ sɛ efunu a ɔfiri ne na yam baeɛ na ne honam fa asɛe dada.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!


Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ.


Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.


Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.


AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan