Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 12:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho nte mfiri ne mogyaguo no mu. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbaa a wawo ɔbabarima anaa ɔbabaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho nte mfiri ne mogyaguo no mu. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbaa a wawo ɔbabarima anaa ɔbabaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho. “ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho. “Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho ntew mfi ne mogya gugu no mu. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbea a wawo ɔbabarima anaa ɔbabea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 12:7
16 Iomraidhean Croise  

Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.


Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.


Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


Na ɔsɔfoɔ no mfa baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no AWURADE anim mfiri n’ahosene no mu.


Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,


Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi.


Na okunu a ɔnnye nnie no ho ate wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a ɔnnye nnie no ho ate okunu no mu; anyɛ saa deɛ a, na mo mma ho wɔ fi; na afei deɛ wɔn ho ate.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan