Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 11:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Monkasa nkyerɛ Israelfo sɛ: Eyinom ne mmoa a munni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 11:2
22 Iomraidhean Croise  

Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ:


Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi.


Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo,


Nanso yeinom na monnie ntuboa nyinaa a wɔnante nan nnan soɔ nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛ mmienu wɔ wɔn nan soɔ a wɔde hurihuri asase so no;


Na mmoa a wɔwea asase soɔ mu wɔn a wɔn ho nte mma mo nie: Ahweaa, akura, ne nkoterɛ ahodoɔ;


Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie.


Aduane a wɔdie biara a nsuo no bi bɛgu mu no ho nte, na anonneɛ biara a wɔnom adeɛ biara a ɛte saa mu no ho nte.


Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.


Yeinom nko na monnnie, wɔn a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apaeɛ: Yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho nte mma mo;


Yei ne deɛ monnie deɛ ɛwɔ nsuo mu nyinaa mu: Deɛ ɛwɔ ntɛtɛ ne abon, nsuo mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na monnie.


Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.


Mommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa mo nnkyinkyini, na ɛyɛ sɛ wɔde adom hyɛ akoma den, na ɛnyɛ nnuane a wɔn a wɔdiiɛ no nni ho mfasoɔ biara.


na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan