3 Mose 10:6 - New Revised Asante Twi Bible6 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron6 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a Awurade de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Monnsu. Mommma mo tirinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwoɔ. Monnsunsuane mo ntadeɛ mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bɛkum mo nso na nʼabufuo bɛba Israelfoɔ nyinaa so. Nanso Israelfoɔ a wɔaka no deɛ, ɛsiane ogya a Awurade de baeɛ no enti, wɔtumi di Nadab ne Abihu wuo no ho awerɛhoɔ tumi su wɔn nso. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON6 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛw mo ti, na munnsunsuane mo ntade mu, na moanwuwu, na abufuw amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fi nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahyew wɔn yi. Faic an caibideil |