Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 10:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n’agya nuabarima Usiel mma Misael ne Elsafan baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montwe mpini, na mommɛsoa mo nuanom no mfiri kronkronbea anim nkɔ nsraban no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n’agya nuabarima Usiel mma Misael ne Elsafan baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montwe mpini, na mommɛsoa mo nuanom no mfiri kronkronbea anim nkɔ nsraban no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n'agya nuammarima Usiel mma Misael ne Elsafan bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntwiw mmɛn, na mommɛsoa mo nuanom no mfi kronkronbea anim nkɔ nsra no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 10:4
10 Iomraidhean Croise  

Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel.


Na Mose taa fa ntomadan no de kɔsi nsraban no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiaeɛ ntomadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no firi adi kɔ ahyiaeɛ ntomadan no a ɛwɔ nsraban no akyiri no ho.


Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. Na Kohat mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.


Na Usiel mma ne: Misael, Elsafan ne Sitri.


Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel.


Na Kohatfoɔ mmusua no agya fie bapɔmma ne Usiel ba Elisafan.


Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.


Na mmeranteɛ no sɔre kyekyeree no, na wɔde no firii adi kɔsiee no.


Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan