Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔnhohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho wɔ nsu mu; na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 1:9
35 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Yoa ba,


Na ɔyɛɛ nnwaresɛn du, na ɔde nnum sisii nifa fam, na ɔde nnum nso sisii atifi fam, sɛ wɔnhohoro nnoɔma ho wɔ mu; ɔhyeɛ afɔdeɛ nnoɔma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu.


Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu, na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm.


Mede nnwan a wɔadɔre ne adwennini a ɛyɛ hwam bɛbɔ wo ɛhyeɛ afɔdeɛ, mede anantwie ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.


Monnni no amono, na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto no mua a, ne ti ne n’asrɛ ne n’ayamdeɛ nyinaa ka ho.


Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyi hwa hwanhwam, AWURADE anim: Ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.


Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.


Na dammoa ne ano pono wɔ ponkɛseɛ no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.


Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.


Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no.


Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ aduane afɔdeɛ a wɔbɔ no gya so ma AWURADE.


Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na yei ne aduane afɔdeɛ ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔrebukyia no anim.


Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na Mose gyee wɔn nsam, na ɔtoo mu gya wɔ afɔrebukyia no so wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no so de yɛɛ atuhoakyɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam; Ɛyɛ ogya afɔdeɛ ma AWURADE.


Na ɔhohoroo ayamdeɛ ne nnyawa no ho, na ɔhyee no ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no so.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,


Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;


Na n’ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa baako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wɔhwie no ma AWURADE.


Na adwammaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ anwummerɛ deɛ, na fa aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa ka ho sɛ anɔpa deɛ no ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


ɛfiri sɛ yɛyɛ Kristo aduhwam ma Onyankopɔn, de ma wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie w’afɔdeɛ no mogya ngu n’afɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di.


Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan