Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 1:5
25 Iomraidhean Croise  

Na wɔkunkumm Twam nnwan no, na asɔfoɔ no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifoɔ no dwaa wɔn.


Na kum nantwie no AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.


Na fa ɔhyeɛ afɔrebukyia no si ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano.


saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yeinom ne afɔrebukyia no ho ahyɛdeɛ, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyeɛ afɔdeɛ na wɔmpete so mogya no;


Na ɔnku no afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra afɔrebukyia no ho, na ɔnte ne ti na ɔnhye no afɔrebukyia no so, na ɔnkyi ne mogya ngu afɔrebukyia no ho.


Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim,


Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.


na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.


na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ.


Na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnku no nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ.


Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nkeka aduhwamhyeɛ bukyia a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan mu no mmɛn ho, na ɔnhwie nantwie no mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.


Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no? Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim, ne nantwie mma a wɔadi afe afe?


Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ da.


ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.


sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.


Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan