Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Yohane 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mʼani gyee sɛ mihuu sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 M’ani agye sɛ, sɛ mahu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokware mu, sɛnea yɛanya ahyɛde afi Agya no nkyɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Yohane 1:4
12 Iomraidhean Croise  

Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Nokorɛ mmara daa n’anomu, na wɔanhunu n’anomu kɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoeɛ ne tenenee mu na ɔne me nanteeɛ, na ɔdanee nnipa pii firi amumuyɛ ho.


n’ani nnye deɛ ɛntene ho, na mmom ɛdi ahurisie wɔ nokorɛ mu.


Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma,


Nso m’ani gye kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ moafiri aseɛ redwene me ho bio; modwene me ho deɛ, nanso moannya ho kwan.


Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan