Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 9:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nena. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopo kotow no, kae se, “Meyɛ wo somfo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Saul ba Yonatan ba Mefiboset duu Dawid nkyɛn no, ɔde n’anim hwee fam kotow no. Na Dawid kae sɛ: Mefiboset! Na ose: W’akoa ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 9:6
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase


Na ɔno ara deɛ ɔsene dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mprɛnson de kɔsii sɛ ɔduruu ne nua nkyɛn.


Na ɔhwɛɛ n’akyire no, ɔhunuu me, na ɔfrɛɛ me. Na megyee no so sɛ: Menie.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, deɛ ɛyɛ Mefiboset deɛ nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kaa sɛ: Mebɔ me mu ase ma wo, na ma mennya me wura ɔhene anim adom.


Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.


Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.


Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar bae.


Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.


Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.


Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.


Na Abigail hunuu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm firii n’afunumu so sii fam, na ɔde n’anim butuu Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan