Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.” Siba buaa ɔhene se, “Yonatan babarima obubuafo bi da so wɔ hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.” Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 9:3
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔbuaa sɛ: Ao, me wura ɔhene, me somfoɔ no na ɔdaadaa me; na wo somfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Hyehyɛ afunumu na mentena no so nkɔ ne ɔhene nkɔ, ɛfiri sɛ wo somfoɔ yɛ apakye.


Na ɔbɛsɛee me kyerɛɛ me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, enti yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ.


Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.


Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pono so na na ɔdidie daa daa. Na ɔtɔ ne nan mmienu so.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.


Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no.


Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Ɛsiane sɛ ɔdɔ wo nananom nti, wayi wɔn asefoɔ a ɛdi wɔn akyire, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛseɛ ayi wo afiri Misraim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan