Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:6
26 Iomraidhean Croise  

Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom wɔn. Na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ no bio.


Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.


Na afei monyɛ ɛ: Ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede bɛgye me man Israel, Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.


Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.


Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Na Dawid gyegyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kura no de baa Yerusalem.


Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.


Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua.


Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛdeɛ ɔkoeɛ, ne sɛdeɛ ɔdanee Damasko ne Hamat a na ɛyɛ Yuda dea no maa Israel no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?


Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no.


Na Moabhene Mesa yɛ nnwanyɛnfoɔ, na ɔmaa Israel hene nnwanten mma mpemha ne adwennini mpemha ho nwi.


Na ɔde bansifoɔ sii Edomfoɔ so, na Edomfoɔ nyinaa danee Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim deɛ ɔkɔeɛ nyinaa.


Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu.


Ao, AWURADE, me Wura, me nkwagyeɛ ahoɔden, wokataa me tiri so wɔ ɔko da mu.


Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Wɔsiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdie deɛ, ɛwɔ AWURADE nsam.


Na Yonatan kaa Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifoɔ teeɛ. Ɛnna Saulo hyɛnee totorobɛnto asase no nyinaa soɔ sɛ: Momma Hebrifoɔ nte!


Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.


Na ehu baa nsraban no mu, petee mu ne ɛdɔm no nyinaa mu; bansifoɔ no ne fomfafoɔ no nso ehu kaa wɔn, na asase no wosoe; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan