Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ, na Seraia ne ɔtwerɛfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ, na Seraia ne ɔtwerɛfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo. Na Seraia yɛ asennii kyerɛwfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Na Seraia yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo, na Seraia ne ɔkyerɛwfo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:17
21 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa.


Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar sɛ: Ɛfo a Ahitofel atu Absalom ne Israel mpanimfoɔ nie, na ɛfo a me nso matuo nie.


Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ?


Na me, w’akoa ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ yɛn.


Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no.


Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Ɔsɛnkaefoɔ Asaf ba Yoa firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn.


ne Sadok, aberanteɛ dɔmmarima katakyie, ne n’agya fie asafohene aduonu mmienu


ne Benyamin mma, Saulo nuanom, mu mpensa; na ɛde bɛsi berɛ no mu na wɔn mu dodoɔ ara adi Saulo fie nokorɛ;


Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfoɔ no, ne Lewifoɔ no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,


Na ɔgyaa Ɔsɔfoɔ Sadok ne ne nuanom asɔfoɔ hɔ AWURADE tenabea no anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no,


sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, mma AWURADE daa daa anɔpa ne anwummerɛ nyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa.


Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ.


Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua,


ne ba Sadok, ne ba Ahimaas.


na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas,


ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma;


Salum ba, Sadok ba, Ahitub ba,


Ɛnna Baruk kenkann Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa aso mu, AWURADE fie, Safan ba Ɔtwerɛfoɔ Gemaria pia a ɛwɔ atifi abannwa mu no mu, AWURADE fie ponkɛseɛ foforɔ no ano.


Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,


Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan