Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid dii asɛntrenee buu atɛntrenee maa ne man nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:15
24 Iomraidhean Croise  

ɛnna Absalom bɛka akyerɛ no sɛ: Hwɛ, wo nsɛm yɛ na ɛtene, nanso obi nni hɔ a ɔhene ayi no a ɔbɛtie ama woɔ.


Nso Yoab na na ɔdi Israel asraadɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.


Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn.


Ɔdii Yuda so hene wɔ Hebron mfeɛ nson ne abosome nsia, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem.


Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.


Na Seruia ba Yoab na na ɔdi asraafoɔ dɔm no soɔ, na Ahilud ba Yehosafat ne deɛ ɔtwerɛ nsɛm de sie,


Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.


Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene.


Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na ɔbuu atemmusɛm ne asɛntenenee maa ne man nyinaa.


Mayɛ atemmuo ne tenenee, nnya me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ.


Ma no mfa tenenee nni wo man so, na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ.


Mɛba berɛ a ɛsɛ mu, na me ara mabɛbu atɛntenenee.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Na atemmuo mmuni mmra sɛ nsuo, na tenenee mmra sɛ asuo a ɛsene daa.


Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano,


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan