Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Dawid sane firii Siriafoɔ kum no, ɔde gyee din wɔ Nkyene-bonhwa mu sɛ ɔkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Dawid sane firii Siriafoɔ kum no, ɔde gyee din wɔ Nkyene-bonhwa mu sɛ ɔkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Dawid san fii Siriafo kum no, ogyee din Nkyene-bon mu sɛ okum Edomfo mpem dunwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:13
7 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.


Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Ɛberɛ a na Dawid wɔ Edom na ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrekɔsie wɔn a wɔatotɔ no, ɔkumm Edom mmarima nyinaa,


Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.


Na Seruia ba Abisai kumm Edomfoɔ mu nnipa mpemdunwɔtwe wɔ Nkyene-Bonhwa no mu.


Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-Bonhwa no mu, na ɔkɔkum Seirfoɔ no mu nnipa mpemdu.


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan