Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Toi somaa ne ba Yoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu, efisɛ Hadadeser ne Toi taa di dɔm; na Yoram de dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne kɔbere nnwinne bae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:10
9 Iomraidhean Croise  

Na Yosef bisaa wɔn sɛ wɔn ho yɛ anaa; na ɔse: Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho yɛ anaa? Ɔda so te ase anaa?


Ɛno nso na Ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronneɛ maa AWURADE, sɛ dwetɛ ne sika a ɛfiri amanaman a ɔbrɛɛ wɔn aseɛ no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronneɛ no,


Na Hamathene Toi tee sɛ Dawid aka Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,


Yeinom nyinaa akyiri no, ɔhene nkoa aba abɛma yɛn wura Ɔhene Dawid amo sɛ: Onyankopɔn mma Salomo din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’adwa nso nsene w’adwa. Na ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa so;


ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.


Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.


na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so no, yɛhyira mo AWURADE din mu.


Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den.


Na hwɛ, ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel baeɛ; na Saulo firii adi sɛ ɔrekɔhyia no akyea no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan