Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi efisɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekye ofi a ɛyɛ daa ahenni ama me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri sɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na wo, O Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotiw sɛ: Mɛkyekye ofi mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo sɛɛ mpae yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:27
10 Iomraidhean Croise  

ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.


Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.


Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.


AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ, woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so


Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woasiesie aso de ama me, wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.


Na ɛsiane sɛ awogyefoɔ no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afie mu yɛɛ yie.


Na me deɛ, mese: Mɛyi wo asotire sɛ tɔ no wɔ nkurɔfoɔ yi ne me man mpanin yi anim. Sɛ wobɛgye a, gye, na sɛ worennye a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgyeɛ sɛ wo ne me a medi w’akyire yi. Na ɔkaa sɛ: Me ara mɛgye.


Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.


Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan