Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, mene hwan, na me fie ne deɛn sɛ wode me abɛduru ha yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, mene hwan, na me fie ne deɛn sɛ wode me abɛduru ha yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se, “Awurade Tumfo, me ne hena, na me fifo yɛ dɛn a wode me abedu nnɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ yɛ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Ɛnna ɔhene Dawid bae bɛtenaa AWURADE anim na ɔkae sɛ: Hena ne me, AWURADE Nyankopɔn, na me fi ne dɛn sɛ wode me abedu sesɛɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:18
15 Iomraidhean Croise  

w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.


Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.


Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


Na sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid.


Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi?


Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.


ɔdasani ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!


Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim?


Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie; na Hesekia trɛɛ mu AWURADE anim.


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.


Ɛnna ɔde n’anim butuiɛ, na ɔkotoo fam na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na manya w’anim adom, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?


Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;


Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mene hwan, na me nkwa, anaa m’agya abusua ne deɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene aseɛ?


Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan