Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wo fi ne wʼahenni betim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahengua betim daa nyinaa.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wo fie ne wʼahemman bɛtim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena hɔ daa.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na wo fi ne w’ahenni betim akosi daa m’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:16
29 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.


Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.


Na sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid.


Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.


ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no.


Na mɛbɔ kuro yi ho ban na magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti!


Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no ne ne mma nna nyinaa.


Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn, kora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no so ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa mmɔ no w’anim a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ. Hwɛ nko ara na wo mma nhwɛ wɔn akwan sɛ wɔbɛnante me mmara mu, sɛdeɛ wonantee m’anim no.


Ɔnyi n’ani mfiri ɔteneneeni so, na ɔma wɔne ahemfo tena adwa so daa, na wɔma wɔn so.


Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daa daa, w’ahennie poma yɛ tenenee poma.


Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi, wɔbɛsuro wo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa, na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


ɛnneɛ ahemfo ne asafohene a wɔbɛtena Dawid adwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, wɔbɛfa kuro yi apono mu aba mu. Na nnipa bɛtena kuro yi mu daa.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fie adwa soɔ remmɔ Dawid da.


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?


na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Fa ɛso yi kyɛ w’afenaa ɛ! Na ampa ara AWURADE bɛkyekyere efie a atim ama me wura, ɛfiri sɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhunu wo mu bɔne biara wo nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan