Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Me na mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na sɛ ɔfom a, mede nnipa abaa ne nnipa mma mpire bɛtea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Me na mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na sɛ ɔfom a, mede nnipa abaa ne nnipa mma mpire bɛtea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me Ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Me na mɛyɛ no agya na ɔno nso ayɛ me ɔba, na sɛ ɔfom a, mede nnipa poma ne nnipa mma mmaa mɛteɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:14
19 Iomraidhean Croise  

Nanso merennye ne nsam ahennie no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ soɔ no nti, mɛsi no ɔman so panin ne nkwa nna nyinaa.


Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,


Me deɛ, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔeɛ nso, merenyi memfiri ne so, sɛdeɛ meyii no deɛ ɔdi w’anim no so no.


Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.


Na waka akyerɛ me sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛsi me fie ne m’abannwa no. Na mayi no ayɛ ɔba, na me nso mɛyɛ no agya.


Hwɛ, nhyira ne ɔdasani a Onyankopɔn ka n’anim, enti, mpo Otumfoɔ atenetene no.


Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no. AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ.


Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni.


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


na sɛ wɔbu yɛn atɛn a, Awurade twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.


Na hunu no w’akoma mu sɛ, sɛdeɛ onipa tea ne ba no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn tea woɔ.


Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ, na bio: Mɛyɛ no Agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba?


Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan