Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔno ne obi a obesi dan de me din ato so. Na matim nʼaheman mu ahengua ase afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Ɔno na obesi dan ama me din na mɛma n’ahenni agua atim akosi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:13
39 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.


Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.


Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.


Na afei, sɛ AWURADE a wama matim, na ɔde me atena m’agya Dawid adwa soɔ, na wakyekyere fie ama me sɛdeɛ ɔkaeɛ no te aseɛ yi, ɛnnɛ ara wɔbɛkum Adoniya.


Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.


Na nhyira bɛka Ɔhene Salomo, na Dawid adwa bɛtim AWURADE anim akɔsi daa.


Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo.


Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ, baabi a wobɛtena hɔ daa.


Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:


nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din bɛto hɔ, no mu.


Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛeɛ no sii efie no mu, efie a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo no sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mayi Israel mmusuakuo nyinaa mu na mede me din bɛto daa.


Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no ne ne mma nna nyinaa.


Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si efie a ɛbɛyɛ kronkronbea; hyɛ wo ho den na yɛ!


Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie, sɛdeɛ AWURADE aka ho asɛm sɛ: Yerusalem na me din bɛtena akɔsi daa hɔ.


Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn, kora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no so ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa mmɔ no w’anim a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ. Hwɛ nko ara na wo mma nhwɛ wɔn akwan sɛ wɔbɛnante me mmara mu, sɛdeɛ wonantee m’anim no.


Ɔnyi n’ani mfiri ɔteneneeni so, na ɔma wɔne ahemfo tena adwa so daa, na wɔma wɔn so.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Ɔno na me nsa bɛma no atim, na me basa nso ahyɛ no den.


Mɛma n’asefoɔ atena hɔ daa, ne n’ahennwa sɛ ɔsoro nna.


Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa, na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Anisɔ berɛ mu na matie woɔ, na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ, na mɛkora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fie adwa soɔ remmɔ Dawid da.


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.


Ɔno ara na ɔbɛsi AWURADE asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa animuonyam, na watena n’adwa so adi hene, na wadi sɔfoɔ n’adwa so, na asomdwoeɛ agyinatuo bɛtena wɔn baanu no ntam.


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene efie no.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan