Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 6:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu sɛ ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babaa a ne din de Mikal no kɔtɛɛ mpomma mu hwɛeɛ. Ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid rehurihuri, resa anigyeɛ so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na AWURADE adaka no duu Dawid kurow mu no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔresaw AWURADE anim, na obuu no animtiaa ne koma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 6:16
12 Iomraidhean Croise  

Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Saulo ba Isboset nkyɛn kɔkaa sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ano ɔha megyee no awadeɛ no brɛ me.


Nanso Dawid faa Sion aban no a ɛne Dawid kuro no.


Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.


Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!


Na ɛbaa sɛ, AWURADE apam adaka no duruu Dawid kurom no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔregorɔ no, ɔbuu no animtia n’akoma mu.


Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ, na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.


Na wo nti na magye ahohora, na aniwuo ahyɛ m’ani so ma.


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Na ebinom nso de dii fɛw sɛ: Nsa foforɔ na abo wɔn.


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.


Na Saulo ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saulo no, asɛm no yɛɛ no anigyeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan