Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 6:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na Dawid firii nʼahoɔden nyinaa mu saa wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotadeɛ yuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sawee AWURADE anim; nso Dawid hyɛ nwera asɔfotade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 6:14
20 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.


Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!


Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid.


Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no.


Monyi no ayɛ mpintin ne asa so, monyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so.


Woama m’abooboo adane me asa, woasane me ho ayitoma, na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ,


Na nnwontofoɔ ne asafoɔ bɛka sɛ: Me mmasuo nyinaa wɔ wo mu.


Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.


Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na ɔberempɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔne wɔn mfiri adi.


Na ne ba panin no wɔ afuom; na ɔreba na ɔbɛn fie no, ɔtee sankuo ne asa.


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


Na adwuma biara a moyɛ no, momfiri akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa,


Ɛnna Yefta baa ne fie Mispa. Na hwɛ, ne babaa de mpintin ne asa firii adi bɛhyiaa no, nso na ɔdi no bakorɔ, ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa gye ɔno.


na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no firi adi bɛsa wɔn asa no a, momfiri adi mfiri bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɛyerɛ mfiri Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo deɛ, dane wo ho na ka asɔfoɔ no. Na Edomni Doeg danee ne ho na ɔkaa asɔfoɔ no kumm mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ da no ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan