Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nanso Dawid faa Sion aban no a ɛne Dawid kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nanso Dawid faa Sion aban no a ɛne Dawid kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, Dawid ko faa Sion aban no a seesei wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nanso Dawid faa Sion aban no. Ɛne Dawid kurow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:7
27 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kaa no ɛda no sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ no, ɛsɛ sɛ ɔkɔduru nsuka no ho, na wɔato ahyɛ mpakye ne anifirafoɔ a Dawid kra tan wɔn no so! Enti na wɔka sɛ: Onifirani ne apakye mmma fie.


Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam.


Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie.


Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE ahyira Obed-edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa, Nyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔ kɔfaa Nyankopɔn adaka no firii Obed-edom fie de baa Dawid kuro mu anigyeɛ mu.


Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.


Ɛnna Dawid tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu.


Na Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ awareɛ apam. Na ɔfaa Farao babaa waree, ɔde no baa Dawid kuro mu kɔsii sɛ ɔwiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasuo no toɔ.


Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.


Nso Farao babaa no firii Dawid kuro no mu baa ne dan a Salomo si maa no no mu. Afei ɔsii Milo.


Na Dawid tenaa aban no mu, saa nti na wɔfrɛ no Dawid kuro.


Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho.


Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire ne Israelfoɔ mu agyanom mmapɔmma no ano bɛhyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro a ɛne Sion no mu aba.


Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho.


Na AWURADE ayi Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten,


Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.


Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie; to Yerusalem afasuo!


AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.


Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,


Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


Na ɔbɛba sɛ Ɔgyefoɔ ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsane firi mmarato mu no, AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, me ne mo a mote bonhwa mu, asaseta so botan soɔ no anya, AWURADE asɛm nie, mo a moka sɛ: Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ, na hwan na ɔbɛba yɛn tenabea no?


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan