Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkaa sɛ: Nkɔ! Dane wo ho kɔsi wɔn akyi, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkaa sɛ: Nkɔ! Dane wo ho kɔsi wɔn akyi, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 enti, Dawid bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ. Awurade buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkae sɛ: Nkɔ! Dan wo ho kosi wɔn akyi na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:23
10 Iomraidhean Croise  

Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa.


Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.


Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Nnɛ na merefiri aseɛ mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Yei mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fie nyinaa so, na w’akoa nnim yeinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛseɛ oo!


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan