2 Samuel 5:20 - New Revised Asante Twi Bible20 Na Dawid kɔɔ Baal-perasim, na Dawid kunkumm wɔn hɔ, na ɔkaa sɛ: AWURADE apae m’atamfoɔ mu m’anim sɛdeɛ wɔpae nsuo mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ Baal-perasim. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron20 Na Dawid kɔɔ Baal-perasim, na Dawid kunkumm wɔn hɔ, na ɔkaa sɛ: AWURADE apae m’atamfoɔ mu m’anim sɛdeɛ wɔpae nsuo mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ Baal-perasim. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm20 Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON20 Na Dawid kɔɔ Baal-perasim na Dawid kunkum wɔn hɔ, na ɔkae sɛ: AWURADE apae m’atamfo mu m’anim sɛ wɔpae nsu mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Baal-perasim ase ne: Ntewmubea. Faic an caibideil |