Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo ma wɔde nkyeneduru nnua ne nnuasenfo ne abantofo baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree ofi maa Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:11
15 Iomraidhean Croise  

Na Dawid hunuu sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn na ne man Israel nti wama n’ahennie so.


Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,


ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so,


Na Salomo abantofoɔ ne Hiram abantofoɔ ne Gebalfoɔ no sensenee, na wɔsiesiee nua ne aboɔ sɛ wɔde bɛsi ɛdan no.


Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no.


Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.


Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.


Onipa ba, ɛsiane sɛ Tiro ka wɔ Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu aman no pono no, ɛbɛdane aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,


Na ɛhyeɛ no dane kɔ Rama kɔduru kuro denden Tiro, na ɛhyeɛ no dane kɔ Hosa, na ano kɔpem ɛpo no Aksib fam,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan