Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokware akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ogyee me kra ahohia nyinaa mu te ase yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 4:9
14 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.


Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. Na wɔbu Beerotfoɔ nso fra Benyaminfoɔ mu.


Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra firii ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,


Ɔgye wo nkwa firi Amena mu, ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.


Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam, na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam,


Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam,


Ateneneefoɔ su frɛ, na AWURADE tie, na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu.


AWURADE gye ne nkoa kra, na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa wɔremmu wɔn fɔ.


Twe bɛn me kra, na bɛgye no, m’atamfoɔ nti gye me.


Meto ayeyie dwom ma wo a, m’ano ne me kra a woagye no no ho bɛsane no.


Na hwɛ, sɛdeɛ wo kra asom boɔ nnɛ m’ani soɔ yi, saa ara na me kra nso nsom boɔ AWURADE ani soɔ, na ɔnyi me mfiri ahohiahia nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan