Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 3:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Na ɛwɔ mu sɛ me ne ɔhene a wɔasra no de, nanso Seruia mmabarima Yoab ne Abisai de, wɔyɛ den dodo ma me sɛ metumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno nti, Awurade ntua saa mmarima amumɔyɛfo yi so ka wɔ wɔn amumɔyɛsɛm ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔ wɔn amumuyɛsɛm ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 Na me de, ɛnnɛ meyɛ mmerɛw na wɔasra me asi me hene; na mmarima yi, Seruia mma yi, yɛ den ma me. AWURADE ntua nea ɔyɛ bɔne no ka sɛnea ne bɔne te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 3:39
30 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei?


Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ me nnompe ne me nam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!


Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛseɛ atɔ nnɛ da yi, Israel?


Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.


Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ no tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.


Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.


Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea.


na nnipa hunu ahuhufoɔ ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Salomo ba Rehoboam, na Rehoboam yɛ abɔfra, na n’akoma yɛ mmerɛ, na wanhyɛ ne ho den wɔn anim.


Daa anɔpa mɛtwitwa asase so abɔnefoɔ nyinaa, na matu amumuyɛfoɔ nyinaa mafiri AWURADE kuro mu.


Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ, susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Ne mmusuo resane abua n’atifi, na n’amim aduru n’apampam.


na abɔnefoɔ mmɛn nyinaa, mɛbubu, teneneefoɔ mmɛn na wɔbɛma soɔ.


Deɛ ɔbɔ onipa ma no wuo no, kum na wɔnku no.


Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so.


Yi ɔbɔnefoɔ firi ɔhene anim, na n’ahennwa bɛtim tenenee mu.


Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.


na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.


Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.


Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena no mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ.


Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na monhunu yie sɛ, mo bɔne bɛyi mo ama.


Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ.


Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.


Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn maa no buaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan