Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nea ɔto so abien no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ofi Karmel no kunabea babarima; nea ɔto so abiɛsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babea Maaka babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 3:3
22 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ba Absalom wɔ nuabaa fɛfɛ bi a ne din de Tamar. Na nna bi akyi no, Dawid ba Amnon pɛɛ no.


Ɛno nti Yoab sii mu kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.


Na ɔhene kaa sɛ: Ma no mmane nkɔ ne fie, mempɛ sɛ mehunu n’anim. Ɛnna Absalom mane kɔɔ ne fie, na wanhunu ɔhene anim.


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.


Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.


Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE.


Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!


Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no.


Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ ya biara ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woayɛ saa yi? Na ɔno nso yɛ onipa a ne ho yɛ fɛ, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyire.


Na ɔkaa sɛ: Wo ara wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no.


Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.


Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.


Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)


nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi.


Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail; na ɔbaa no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no deɛ, na ɔyɛ den, na ne nneyɛɛ nyɛ; na ɔyɛ Kalebni.


Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afunumu so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan aseɛ, na ɔdii Dawid abɔfoɔ no akyi kɔyɛɛ ne yere.


Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan