Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 3:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe na mɛboa ama yɛadan Israelman mu no nyinaa ama wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Abner somaa abɔfo sii n’ananmu kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkae sɛ. Hena na asase yi wɔ no? Ɔkae nso sɛ. Wo ne me mpam; na hwɛ, me nsa bɛka wo ho de adan Israel nyinaa aba wo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 3:12
15 Iomraidhean Croise  

Ɔtwee Yuda mmarima nyinaa bae sɛ onipa baako, na wɔsoma maa wɔbaa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa, monsane mmra.


Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba?


sɛ wodɔ w’atamfoɔ na wotane w’adɔfoɔ. Na woakyerɛ nnɛ sɛ asafohene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; na mahunu sɛ, sɛ Absalom nyaa nkwa na yɛn nyinaa wuwuiɛ a, anka wopɛ.


Ɛsiane sɛ na Isboset suro no nti, wantumi ammua Abner asɛm biara bio.


Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.


Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam, na woadi wɔn a wopɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan, maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu.


Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛseɛ atɔ nnɛ da yi, Israel?


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan