Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 24:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Hwɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔ nantwie ne poreɛ nteaseɛnam ne anantwie no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Hwɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔ nantwie ne poreɛ nteaseɛnam ne anantwie no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Me wura fa na fa yɛ nea wopɛ. Nantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua ne nantwi mpamho nnua no ayɛ nnyina wɔ afɔremuka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina wɔ afɔrebukyia no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa na ɔmmɔ afɔre sɛnea eye n’ani so. Hwɛ, ɔhyew afɔrebɔ nantwi ne porow nteaseɛnam ne anantwi no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 24:22
5 Iomraidhean Croise  

Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.


Na ɔsane firii n’akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so.


Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.


Na teaseɛnam no duruu Bet-semesni Yosua afuo mu na ɛgyinaa hɔ; nso na ɔbo kɛseɛ bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan