Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 24:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Enti Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kobisaa no se, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfe abiɛsa ana? Anaa, atamfo a wogu wo so no wubeguan wɔn asram abiɛsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo man yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yiye, na ma minhu mmuae a memfa nkɔma Awurade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɔkɔm mmra w’asase so mfe asɔn, anaasɛ wubeguan w’atamfo a wɔtaa wo anim asram abiɛsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hu asɛm ko a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 24:13
20 Iomraidhean Croise  

Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.


Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo.


Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.


Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ.


ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu, nsane yadeɛ a ɛsɛe ade awia ketee.


Na nnanson a AWURADE danee asuo no bɛtwaa mu.


Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne di afomfonsɛm bi, na metene me nsa wɔ so, na mebu ne paanoo dua mu, na mema ɛkɔm ba so, na metwa nnipa ne mmoa firi so,


na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbaeɛ, na asase no so nnua renso aba.


Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.


Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,


AWURADE de ɛfɔn, ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ.


AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.


AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.


AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi.


Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu akɔsi sɛ w’afasuo atentene a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no bɛdwiri aguo, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no nyinaa so.


Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan