Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 24:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Dawid kan nnipa no nyinaa wiei no, nʼahonim buu no fɔ, nti ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nea meyɛe yi nti, mayɛ bɔne. Enti Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbu yi fi wo somfo so. Mayɛ nkwaseade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Dawid kan ɔman no saa no, ne koma bɔɔ no pan, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nea mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 24:10
27 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.


Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so.


Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a,


Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.


Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.


Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.


Na Hesekia sane brɛɛ ne ho ase n’akoma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfoɔ nyinaa, enti AWURADE abufuo no amma wɔn so Hesekia berɛ so.


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.


Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.


Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma maa wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne.


Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.


Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.


Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ, monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.


Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo kyɛw nie, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.


ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.


AWURADE na motua no ka seyie yi? Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire! Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ? Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:


Na ɛno akyiri no, Dawid akoma bɔɔ no paripari sɛ watwa Saulo atadeɛ ano.


Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma no mpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no adeɛ a ɛte sɛɛ, sɛ mɛtene me nsa maka no, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan