Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 24:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bio, Awurade abufuw baa Israel so nti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nhaw wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfo ne Yudafo nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE bo huru hyɛɛ Israel bio, na opiapiaa Dawid ma ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 24:1
23 Iomraidhean Croise  

Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.


Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fie aba wo so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu, awia ketee.


Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei?


Na Ɔhene Yehoram firii Samaria da no ara, na ɔkɔkanee Israel nyinaa.


Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na Tola mma ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Semuel, wɔn na wɔyɛ Tola mpanimfie atitire, mmarima akofoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. Dawid berɛ so na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahansia.


Yeinom nyinaa yɛ Aser mma mpanimfie so atitire, mmarima akofoɔ a wɔayi wɔn, mmapɔmma mu atitire; na wɔn a wɔkan wɔn maa ɔsakorɔ sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ no yɛ mmarima mpemaduonu nsia.


Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia anhyɛ no ananmu sɛdeɛ yie a ɔyɛ maa no no teɛ, na mmom n’akoma yɛɛ ahantan, na AWURADE abufuo baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.


Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.


Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnneɛ me, AWURADE, na madaadaa odiyifoɔ ko no, na mɛtene me nsa wɔ ne so asɛe no afiri me man Israel mu,


Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan,


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.


sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na ɔkan wɔn Sinai serɛ soɔ.


sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Yei nti, Onyankopɔn soma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atorɔ adi,


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.


Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan