Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 23:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so wɔ nnipa ahanwɔtwe so a ɔkunkumm wɔn prɛko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so nnipa ahanwɔtwe a ɔkunkum wɔn prɛko soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima: Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima: Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din. Tahkemonni Yoseb-basebet a odi akunini no mu titiriw. Ɔno na ɔmaa ne peaw so kunkum nnipa ahanwɔtwe prɛko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 23:8
8 Iomraidhean Croise  

Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne akofoɔ dɔm no nyinaa kɔe.


Na Ɔsɔfoɔ Sadok, Yoiada ba Benaia, Odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid nnɔmmarima no deɛ, na wɔnni Adoniya afa.


Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ.


Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.


Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.


Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no.


Na ɔhunuu afunumu abɔgye foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkumm mmarima apem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan