Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 23:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ anɔpa a omununkum nni hɔ apueiwia hann; ɔte sɛ osutɔ akyi hyerɛn, na ɛma sare foforo pue fi asase mu.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ; ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ, na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owia repue, sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ, sɛ owia gyigye ne osutɔ nti wura fifi fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 23:4
17 Iomraidhean Croise  

Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so, sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.


N’asefoɔ bɛtena hɔ daa, na n’adwa ayɛ m’anim sɛ owia.


Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee.


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm, sɛ awia ketee mu ahuhuro, sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum.


Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.


Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.


Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi.


Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan