Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 22:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Woyii me firii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti. Ɔman a menni wɔn no som me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Woyii me firii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti. Ɔman a menni wɔn no som me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo; na nnipa a minnim wɔn som me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ; na nnipa a mennim wɔn som me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Wuyii me fii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ meyɛ amanaman ti. Ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 22:44
26 Iomraidhean Croise  

Ɔtwee Yuda mmarima nyinaa bae sɛ onipa baako, na wɔsoma maa wɔbaa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa, monsane mmra.


Na ɔman no nyinaa kasakasaa Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: Ɔhene gyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na ɔyii yɛn Filistifoɔ nsam; na afei Absalom nti wadwane afiri asase yi so.


Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.


Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.


Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn.


Ɔbɛdi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ tire asase a ɛtrɛ so.


Woyii me nnipa aperedie mu, wode me sii amanaman so ti, ɔman a mennim wɔn na ɛsom me.


Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ, na mama woafa asase ano nohoa adi so


Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni.


Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba, na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.


Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu, na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa.


Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ.


Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,” ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo;


Sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnneɛ AWURADE bɛma woakɔ kan na worenka akyire, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da;


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan