Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 22:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko. Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko. Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na hena ne Nyame sɛ AWURADE nko? Na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 22:32
13 Iomraidhean Croise  

Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


Enti woso kokuroo, AWURADE Nyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa teɛ no.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.


Monkasa, monka mo asɛm; momma wɔmmom ntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete na ɔka firi tete nteredee? Ɛnyɛ me, AWURADE a? Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara, Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa; obi nni baabiara gye me nko.


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ; asafo AWURADE ne ne din.


Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan, na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.


Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.


Wo deɛ, wɔama woahunu, na woahunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.


Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan