Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 22:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ; ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw, ogyee me, efisɛ ɔpɛ m’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 22:20
16 Iomraidhean Croise  

Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.


Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Wotrɛ m’anammɔn tutuo mu wɔ m’ase na me nan anwatiri.


Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.


Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.


AWURADE ani sɔ wɔn a wɔsuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ.


Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ.


Dane to AWURADE so, ma no nnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, na me ho dwan me. Awerɛhoɔ ama m’ani ne me kra ne me honam atwintwam.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Na Israel aso awu sɛ nantwiburuwa aso. Afei AWURADE bɛyɛne wɔn sɛ adwammaa, asase bayaa so.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan