Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na Yisbi-Benob yɛ abrane no asefoɔ mu baako. Na ne pea mu duru kari boro kilogram mmiɛnsa ne fa, a wɔde akofena foforɔ ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebɛkum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na Yisbi-benob a ɔyɛ abran mma no mu bi a ne peaw duru kari kɔbere nnwetɛbona ahasa na ɔde nkrante foforo abɔ no kae sɛ ɔrebekum Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 21:16
20 Iomraidhean Croise  

Na afe a ɛtɔ so dunan mu no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔkeka ne ho no bɛkum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifoɔ wɔ Ham, ne Emifoɔ Kiriataim mpaperɛ so,


Nna no mu ne akyire no, na abrane akɛseɛ wɔ asase so. Na Nyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmammaa ho na wɔwoo mma maa wɔn no, yeinom ne aberempɔn a wɔwɔ din firi tete.


Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no.


Na ɔko baa bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa ne nansoaa nsia nsia ma ano si aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no bi ba.


Nnipa baanan yi yɛ Gat abrane no bi mma a wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsam.


Na Filistifoɔ no ba bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.


Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ.


(Emifoɔ na kane no na wɔte soɔ, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ;


wɔn nso wɔbu wɔn abrane akɛseɛ sɛ Anakfoɔ; Moabfoɔ na ɛfrɛ wɔn Emifoɔ.


ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ; na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu,


(Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)


ɔman kɛseɛ a wɔwowareɛ, Anakfoɔ mma a woni wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hwan na ɔbɛgyina Anak mma anim?


Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.


Na Kaleb tuu Anak mma baasa no firii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefoɔ.


Na ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua, na ne pea ti kari dadeɛ nnwetɛbena ahansia; na ɛkyɛmkurani di n’anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan