Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 ɔkɔɔ nkurɔfoɔ a wɔfiri Yabes Gilead nkyɛn, kɔbisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Ɛberɛ a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifoɔ koeɛ no ano no, Yabes Gileadfoɔ na wɔkɔtasee wɔn amu Filistifoɔ kuro Bet-San abɔntene so.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Dawid kɔe kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe Yabes-gileadfo nsam, na wɔn na wokowiae Bet-san abɔnten so, nea Filistifo de sensɛnee da a Filistifo kum Saul wɔ Gilboa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 21:12
15 Iomraidhean Croise  

Mo Gilboa mmepɔ, wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so, na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so, na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene, Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho.


Na aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no kaa sɛ: Mekɔfirii Gilboa Bepɔ so, na hwɛ, na Saulo twere ne pea so, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ atu repamo ho.


Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.


Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid.


na ɔde Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ bae, na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛnee wɔn no nnompe ho.


Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na Israel mmarima no dwanee wɔ Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe wɔ Gilboa bepɔ so.


akofoɔ no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saulo amu, ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wɔbɛsiee wɔn nnompe no dupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wɔdii mmuada nnanson.


Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ baa atɔfoɔ no ho nnoɔma yiyie, na wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔ soɔ.


Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no.


Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa.


Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so.


Na ɔko no denee Saulo, na agyantofoɔ, mmarima a wɔkura tadua no hunuu no, na wɔtoo no piraa no.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan