Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 21:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Aia babaa Rispa faa ayitoma de sɛɛ ɔbotan no so deɛ amu no wɔ no fae firii twaberɛ mfitiaseɛ no kɔsii sɛ osuo firi soro guguu wɔn soɔ, na wamma ewiem nnomaa ammɛsisi wɔn so awia, na wiram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Aia babaa Rispa faa ayitoma de sɛɛ ɔbotan no so deɛ amu no wɔ no fae firii twaberɛ mfitiaseɛ no kɔsii sɛ osuo firi soro guguu wɔn soɔ, na wamma ewiem nnomaa ammɛsisi wɔn so awia, na wiram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu maame no de ayitoma sɛɛ ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwaberɛ no nyinaa mu. Wamma apete ammɛtete wɔn amu no awiaberɛ mu, na anadwo nso, ɔsii nkekaboa ho kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Aia babea Rispa faa atweaatam de trɛw ɔbotan no so fae fii twabere mfiase no kosii sɛ osu fi soro guguu wɔn so, na wamma wim nnomaa ammesisi wɔn so awia, na wuram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 21:10
19 Iomraidhean Croise  

na aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha, na wakɔsɛne wo dua so ma nnomaa adi wo nam afiri wo ho.


Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid.


Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?


Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuo rebrɛ, ɛfiri sɛ wɔnni adidibea; nnwankuo nso tiri ato.


Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.


Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.


ɛnneɛ mɛma mo asase so osuo atɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔ, na woaboaboa w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ano,


na ɔnyi ne dommum atadeɛ mfiri ne ho, na ɔntena wo fie nnyam n’agya ne ne na bosome mu, na ɛno akyiri no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɛyerɛ.


Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ kum na wɔku no de no sɛne dua bi so a,


ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.


Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma ewiem nnomaa ne wiram mmoa.


Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na maku wo, na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm afunu mama ewiem nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan