Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 20:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim sɛ ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim sɛ, ɔrekɔkyea Amasa pɛ, ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na woduu Gibeon bo kɛse no ho no, Amasa befii wɔn anim. Na Yoab de wabɔ n’akotade a ɔhyɛ no so, ɛso na ne nkrante abɔso wɔ, ɛsɛn n’asen so, boha mu; na ɔrefi adi no, ɛworɔw tɔɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 20:8
5 Iomraidhean Croise  

Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha.


Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkumm wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.


Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.


Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan