Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 20:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei deɛ, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asene Absalom deɛ no mpo: Wo deɛ, fa wo wura mmarima no na ti no, na wannya afasuo nkuro no bi amfa, na wammɛha yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei deɛ, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asene Absalom deɛ no mpo: Wo deɛ, fa wo wura mmarima no na ti no, na wannya afasuo nkuro no bi amfa, na wammɛha yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Saa ɔtɔkwapɛfo Seba no rebɛhaw yɛn asen sɛ nea Absalom haw yɛn no. Fa mʼakofo no, na taa no ansa na waguan akɔbɔ ne ho aguaa wɔ hintabea nkurow no mu baabi a yɛn nsa renka no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Saa ntɔkwapɛni Seba no rebɛha yɛn asene sɛ deɛ Absalom haa yɛn no. Ntɛm, fa mʼakodɔm no, na taa ne so ansa na wabɔ ne ho adwaa wɔ abanbɔeɛ nkuro no mu baabi a yɛn nsa renka no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei de, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asen Absalom de no. Wo de, fa wo wura nkoa na tiw no, na wannya banbɔ mu nkurow bi amfa, na wanhaw yɛn anyi ne ho amfi yɛn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 20:6
17 Iomraidhean Croise  

Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adwane no, wɔn nso wɔdwanee Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Ɛnna Yoab sane firii Amonfoɔ koo no mu baa Yerusalem.


Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi.


Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam mpo a, merentene me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn aso mu na ɔhene hyɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ: Monhwɛ yie, obiara biara, aberanteɛ Absalom no ho.


Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.


Na afei sɔre firi adi, na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na medɔ Nyame sɛ, sɛ woamfiri adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asene bɔne biara a aba wo soɔ firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ.


Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe.


Na Seruia ba Abisai boaa no, na Dawid bɔɔ Filistini no kumm no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn remfiri nnkɔ ɔsa bio, na wɔannum Israel kanea.


Na Yoab nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titire. Ɔno na ɔtwee ne pea kumm nnipa ahasa, na ɔgyee din sɛ baasa no.


Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkumm wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.


Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Salomo ntena m’afunumupɔnkɔ so, na momfa no nsiane nkɔ Gihon.


Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu.


Na Seruia ba Abisai kumm Edomfoɔ mu nnipa mpemdunwɔtwe wɔ Nkyene-Bonhwa no mu.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan