Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so. Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene wɔ Yuda abusuakuo so. Na ɛberɛ a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 2:4
16 Iomraidhean Croise  

Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie?


Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa?


Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia.


Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima, na mo wura Saulo awu, nanso Yuda fie asra me ngo asi wɔn so hene.


Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid.


Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,


Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔsiane kɔɔ aban no mu.


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene.


Ɔdii Yuda so hene wɔ Hebron mfeɛ nson ne abosome nsia, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem.


Na ɔyii ɔhene ba no firii adi, na ɔde ahemmotire no bɔɔ ne ti, na ɔde adanseɛ nwoma no hyɛɛ ne nsa, na wɔsii no hene, na wɔsraa no ngo, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!


Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no,


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.


Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ:


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan