Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 19:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ankyɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene hɔ bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima wiaa ɔhene kɔe, na wɔde Ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akotwa Yordan aba?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Nanso, Israel mmarima nyinaa bɛnwiinwii kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Adɛn enti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde Ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akɔtwa Yordan aba?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho akotwa Yordan aba?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 19:41
7 Iomraidhean Croise  

Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie?


Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ?


Na nnipa no wiawiaa wɔn ho baa kuro no mu da no, sɛdeɛ ɛdɔm a wɔredwane ɔko mu wɔ ahohora mu wiawia wɔn ho no.


Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.


Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan