Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 19:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Moyɛ mʼabusuafo, mʼabusuakuw, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno nti, adɛn nti na mutwa to wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsan aba no mu?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsane aba no mu?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Me nuanom ne mo, me nnompe ne me honam ne mo, na ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 19:12
9 Iomraidhean Croise  

Na onipa no kaa sɛ: Ampa ara, me nnompe mu dompe, ne me honam mu nam ankasa nie. Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa, ɛfiri sɛ Ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.


Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.


Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba?


Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa?


Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn.


na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ, na Seraia ne ɔtwerɛfoɔ,


sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.


Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan