Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 19:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfo Sadok ne Abiatar, ma wokobisaa Yuda mpanyimfo se, “Adɛn nti na mo de, mompɛ sɛ mode ɔhene ahenni bɛsan ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo anan ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ sɛ, “Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ sɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔhene Dawid tee nea Israel nyinaa aka no, ɔsoma kɔɔ asɔfo Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanyimfo sɛ: Ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fi mmere a ɔman no nsɛm nyinaa adu m’asom yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 19:11
11 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Sadok ne Abiatar de Nyankopɔn adaka no sane baa Yerusalem, na wɔbɛtenaa hɔ.


Na Yoab kaa sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim saa. Na ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa kurae, na ɔde kɔwowɔɔ Absalom akoma mu berɛ a ɔda so yɛ anikan odum no so.


Na mmeranteɛ du a wɔkura Yoab akodeɛ twaa Absalom ho hyiae, na wɔbobɔɔ no kumm no.


Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi?


Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba?


Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii ɛdɔm no so, na Ɔsɔfoɔ Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom.


ɛnyɛ sɛ yɛnni ho kwan na mmom yɛyɛɛ sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛsoɔ ama mo na moasua yɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan