Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 19:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ankyɛ na nkra duu Yoab nkyɛn se ɔhene no resu, redi awerɛhow wɔ Absalom ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ankyɛre na nkra duruu Yoab nkyɛn sɛ ɔhene no resu, redi awerɛhoɔ wɔ Absalom ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 19:1
9 Iomraidhean Croise  

Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmammaa nyinaa bae sɛ wɔbɛkyekyere ne werɛ, nanso wamma wɔankyekyere ne werɛ. Na ɔkaa sɛ: Mede awerɛhoɔ yi ara bɛkɔ me ba nkyɛn wɔ Asamando. Na n’agya suu no.


Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam mpo a, merentene me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn aso mu na ɔhene hyɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ: Monhwɛ yie, obiara biara, aberanteɛ Absalom no ho.


Na Yoab kaa sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim saa. Na ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa kurae, na ɔde kɔwowɔɔ Absalom akoma mu berɛ a ɔda so yɛ anikan odum no so.


Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔni nnɛ. Da foforɔ na wobɛyɛ kaseɛbɔni, na ɛnnɛ deɛ, nkɔbɔ kaseɛ biara, ɛfiri sɛ ɔhene ba atɔ.


Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!


Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberanteɛ Absalom no nni no brɛɛ mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa teeɛ.


Na nkonimdie no danee nnipa no nyinaa abooboodie ɛda no; na nkurɔfoɔ no tee da no sɛ ɔhene redi awerɛhoɔ ma ne ba.


Ɔba kwasea yɛ n’agya awerɛhoɔ ne ne na a ɔwoo no bɔnwono.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan